1. W'afa m'animguase, de kɔ asennua no so De sesaa N'anuonyam de maa me W'afa me mmusubɔ de kɔ asennua no so De sesaa abrabɔ pa de maa me Chorus: M'asomdwoe a m'anya yi Efiri asennua no so na εbaeε Masomdwoe a manya yi Efiri asennua no so na εbaeε 2. W'afa m'afodi no de kɔ asennua no so De seseaa bembu de maa me W'afa me nkoayε de kɔ asennua no so De sesaa adehyedi maa me 3. Nnebɔneyεfo a εnnε, yeanya nkwagye yi Efiri asennua no so na εbaeε ɔsoro kwan no a abue, ama yεn nnε da yi Efiri asennua no so na εbaeε PAN 679 EUNICE JOHNSON